Typecraft v2.5
Jump to: navigation, search

Corpus:Ananse and Turtle in Akan

Revision as of 12:40, 29 May 2013 by Ernest Boadu Boakye (Talk | contribs)

(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)
Source information
Source written material
Author/Creator/Speaker(s) Ernest Boadu Boakye
Editor/Recorded by/Broadcaster Ernest Boadu Boakye
Title Ananse ne akyekyedeɛ (Ananse and Turtle)
Original language English
Date/Place 27th May, 2013/Moholt Studentby, Trondheim
Translation language Akan
Translator Ernest Boadu Boakye
Type fable
Annotator Ernest Boadu Boakye
Contributor Ernest Boadu Boakye
Corpus translator Ernest Boadu Boakye
Link to the annotated dataset http://typecraft.org/tc2wiki/Special:TypeCraft/Editor/2247

Da bi, ananse kɔtuu bayerɛ akɛsie dɛdɛbi firi n'afuo mu
Day certain, spider go-uproad yam big sweet from his-farm inside
Onyaa abotare totoo bayerɛ no ma na etu hwa yie
He-got patience roasted yam the give and it-fly smell a_lot
ɛsiane sɛ na ɛyɛ dɛ nti na ɔpɛ sɛ odi no ntɛm
because that it-be sweet so he-like he-eat it fast
Ankyɛ biara na ɔtee sɛ obi rebɔ ne pono mu
Not_long and he-heard that someone knocking his door inside
Na ɛyɛ akyekyedeɛ na ɔrebɔ pono no mu
And it-be turtle that he-was_knocking door the inside
Na akyekyedeɛ firi akwantuo mu nti na waberɛ
And turtle come_from journey inside so that he-was-tired
Afei nso na ɛkɔm de no yie
Again also that hunger use him well
Akyekyedeɛ kakyerɛɛ ananse sɛ ɔnam na bayerɛ bi pampan faa ne hwene mu
Turtle told spider that he-was-walking and yam some smell pass his nose inside
Na esiane sɛ ɛkɔm de no nti
And because that hunger use him so
ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛba abɛserɛ no
he-made his-mind that he-will-come to beg him
sɛ ɔbɛma no bi adi a
if he-will-give him some eat
Na ɛyɛ amaneɛ wɔ kurom hɔ sɛ sɛ obi srɛ wo aduane a
And it-be custom at town-inside there that if someone beg you food
ɛsɛ sɛ wo ma no bi
it-is right that you give him some
enti na ananse ntumi nka sɛ Daabi
so spider could-not say that no
Ananse yɛ pɛsɛmenkomenya
Spider be greedy
nti na ɔmpɛ sɛ ɔma akyekyedeɛ bayerɛ no bi di
so that he-not-like that he-give turtle yam the some eat
ɔbɔɔ pɔ wɔ ne tiri mu sɛ ɔmma no ndi bayerɛ no bi
he-tied knot in his head inside that he-not-give him not-eat yam the some
Ananse buee ɛpono no ma akyekyedeɛ wuraa ɛdan no mu
Spider opened door the give turtle entered room the inside
Na ɔmaa no akonwa tenaa so
And he-gave him chair sat top
Akyekyedeɛ tenee ne nsa sɛ ɔrebɛyi bayerɛ no bi pɛ
Turtle stretched his hands that he-was-coming-to remove yam the some then
Na ananse teaa no kaa sɛ
And spider shouted him said that
wonnim sɛ yɛhohoro yɛnsa ansa na yadidi
you-not-know that we-wash our-hands before that we-eat
Akyekyedeɛ hwɛɛ ne nsa mu
Turtle looked his hands inside
Ampa nso na emu ayɛ fi paa yie
True also and it-inside be dirty very well
Nti ɔsɔree kɔɔ nsuo bi a na ɛda hɔ ho
So he-got-up go water some that it-lie there side
sɛ ɔrekɔhohoro ne nsa
that he-was-going-to wash his hands
ɔsan baa dan no mu no na ananse ahyɛaseɛ redi aduane no
he-again came room the inside there spider started eating food the
Ananse kakyerɛɛ akyekyedeɛ sɛ
Spider told turtle that
Na ɔmpɛ sɛ aduane no bɛdwo
He-not-like food the cool-down
nti na ɔhyɛɛaseɛ dii aduane no
so that he-started eat food the
nti sɛ waba deɛ a obetumi abɛdi bi
so if he-has-come he-can come-eat some
Akyekyedeɛ tenaa ase biom
Turtle sat down again
Nanso ɔsan tenee ne nsa sɛ ɔreyi aduane no bi pɛ
But he-again stretched his hand that he-is-removing food the some then
Na ananse san tea mu bisaa no sɛ
And spider again shouted inside asked him that
Enti wante sɛ yɛnfa nsa fin ndidi
So you-not-hear that we-not-take hand dirty not-eat
Akyekyedeɛ hwɛɛ ne nsa mu huu sɛ asan ayɛ fin biom
Turtle looked his hands inside saw that it-again be dirty again
Nti ɔsɔre san kɔɔ nsuo no ho sɛ ɔrekɔ hohoro ne nsa
So he-get-up again went water the side that he-is-going wash his hands
esiane sɛ na ɔmpɛ sɛ ne nsa mu bɛyɛ fin biom no nti
because that he-not-like his hands inside beome dirty again so
ɔwieeɛ no ɔnantee nsensan no so baa nakyi
he-finished the he-walked grass the top came his-back
sɛ deɛ ɛbɛyɛ a nensa mu nyɛ fin biom
that so it-become his-hands not-be dirty again
Awerɛhosɛm ne sɛ oduruu dan no mu no
Sad-issue is that he-reached room the inside it
Na ananse adi aduane no awie
Spider eat food the finish
Anokwa ɛhyee akyekyedeɛ yie nanso wanka hwee
Truly it-pained turtle a-lot but he-not-say anything
ɔhwɛɛ ananse anim kakra na ɔdaa no ase
he-looked spider face a-little and he-thanked him
ɔkakyerɛɛ ananse sɛ berɛ biara ɔbɛfa ne fie ho no
he-told spider that time any he-pass his house side it
ɛyɛ a ɔnwura mu na ɔmbɛdidi
it-be he-enter inside and come-eat
Adufuropɛ nti, akyekyedeɛ asɛm no yɛɛ ananse dɛ
Greedy because, turtle issue it be spider sweet
Dakoro bi, ɔyɛɛ n'adwenen sɛ ɔbɛkɔ akyekyedeɛ fie akɔ didi
Oneday certain, he-made his-mind that he-will-go turtle house go-eat
ɔkɔtoo sɛ akyekyedeɛ da nsuo bi ano reto awia
he-go-meet that turtle sleep water certain mouth roasting sun
Akyekyedeɛ pagyaa ne ti na ɔhuu ananse
Turtle lifted his head and he-saw spider
ɔmaa no akwaaba bisaa no sɛ aduane no nti na waba anaa
he-have him welcome asked him that food the so he-come or
ma ananse nso kaa sɛ aane
give spider also said that yes
Da no nso deɛ na ɛkɔm de ananse yie
Day that also hunger use spider a-lot
Akyekyedeɛ kɔɔ ne fie wɔ nsuo no ase kɔtoo pono kamakama bi
Turtle went his house at water the under go-throw table nice certain
Ankyɛ biara na opue baa nsuo no ani
Not-long any and he-emerge came water the top
bɛkakyerɛɛ ananse sɛ aduane no abene nti ɔmbɛdidi
come-told spider that food the ready so he-should-come-eat
ɛhɔ ara na akyekyedeɛ too ne ho wuraa nsuo no ase
there and turtle threw his body entered water the under
hyɛɛaseɛ sɛ ɔredi aduane no
started that he-eating food the
Ananse nso too ne ho sɛ ɔrewura nsuo no ase
Spider also throw his body that he-entering water the under
Nanso esiane sɛ ne mu yɛ hare no nti
But because that his inside be light so
Wantumi anwura aseɛ
He-not-able enter under
ɔyɛɛ biara nanso na ontumi nwura nsuo no mu
he-did all but and he-not-able not-enter water the inside
ne nyinaa akyi nso na akyekyedeɛ deɛ ɔredi aduane no
it all back also and turtle eating food the
Ananse twaa ne ho twaa ne ho saa
Spider turned his body turned his body
Na afei adwene bi baa ne tiri mu
And then idea certain came his head inside
ɔhyɛɛaseɛ sesaa aboɔ guu gyakɛti bi a na ɛhyɛ no mu
he-started taking stones put jacket certain that it-wear him inside
maa ne mu yɛɛ duru
give his inside made heavy
Esiane sɛ ne mu yɛɛ duru no nti
Because that his inside made heavy so
otumi too ne ho too nsuo no ase
he-able throw his body put water the under
ɔkɔtenaaɛ pono no ho
he-go-sat table the side
Na nnuane beberee sisi so
And food many lie top
Ananse faa aduane no bi sɛ ɔrebɛdi ara pɛ na akyekyedeɛ kaa sɛ ɔntwɛn
Spider took food the some that he-coming-to eat then and turtle said that he-wait
Akyekyedeɛ kakyerɛɛ no sɛ
Turtle told him that
Ne kurom hɔ deɛ
His town there as-for
yɛnhyɛ gyakɛti ndidi
we-not-wear jacket not-eat
enti gyesɛ ɔworɔ
so unless he-remove
Ananse worɔɔ gyakɛti no ara pɛ
Spider removed jacket the then
Na ɛhurii no bɛtoo nsuo no ani
And it-jumped him come-put water the top
ɔhwɛɛ nsuo no ase no
he-looked water the under it
na akyekyedeɛ guso redi aduane no
and turtle continue eating food the
ɛhyɛɛ ananse yie
it-pained spider a-lot
nanso mpaninfoɔ se
but elders say
sɛ wani te beberee a woma apɔnkye akye
that your-eyes open many you-give goat good-morning